Folk Tale

Kwaku Ananse Sisifoɔ

LanguageTwi
OriginGhana

Berɛ bi Kwaku Ananse ne ne yere Ɔkɔnnorɔ Yaa ne wɔn mma Ntikuma, Afudotwedotwe, Nankɔnhweaa, ne Tikenenkenen yɛɛ wɔn adwen sɛ wɔbɛtu afiri wɔn fie akɔtena baabi foforɔ. Wɔkɔbɔɔ wɔn sese kwaeɛm akyirikyiri baabi. Afei wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu yɛɛ afuo kɛseɛ bi a so mmaa da. Ananse huu sɛ twaberɛ aduru no, ɔyɛɛ n’adwen sɛ ɔbɛfa kwan bi so adi nnɔbae no nyinaa a n’abusuafoɔ no mu biara rentumi nkyerɛ aseɛ. Ɔpatu yaree yareɛ bi a na ɛboro nnipa nyinaa nteaseɛ so.

Da koro anwummerɛ bi Kwaku Ananse frɛɛ ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Yaa, seesei deɛ metumi hu sɛ me nna a aka asase yi so nnɔɔso koraa. Adeɛ baako a meresrɛ ne sɛ, sɛ mewu a, monsie me wɔ yɛn afuo no mu. M’adaka no nso, momfa waduro, wɔmma, nkyɛnsee, ne deɛ ɛkeka ho nhyɛ no ma. Afei nso, obiara nntu ne nan nnsi afuom hɔ kɔsi sɛ m’adaduanan bɛso. Yei ne m’abisadeɛ. Monni so pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me saman rensan mma mmɛha mo adwen.” Asɛm yi anyɛ Ɔkɔnnorɔ Yaa dɛ, nanso ɔbuaa ne kunu sɛ: “Yoo, Agya Ananse, yɛbɛdi deɛ woaka no so pɛpɛɛpɛ.” Ɛno akyi no, ɔfirii dan no mu pueeɛ.

Ɔkɔnnorɔ Yaa san kɔɔ dan no mu no, na Kwaku Ananse aka nkyene agu. Ɔde nisuo baa abɔnten bɛbɔɔ ne mma no amaneɛ. Wɔde amu no too adaka mu, de nneɛma a ɔbobɔɔ din no nyinaa hyɛɛ no ma, kɔpɛɛ baabi wɔ wɔn afuom hɔ siee no. Wɔankɔ afuom hɔ bio kɔsi adaduanan akyi.

Wɔduruu afuom hɔ no, wɔhuu sɛ obi awia wɔn mfudeɛ no mu bɛyɛ fa adi. Ɛhɔ ara na wɔyɛɛ nhyiamu hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akye ɔkorɔmfoɔ no. Ntikuma nyaa adwen bi sɛ wɔbɛyɛ abaduaba bi de aman afa ho nyinaa asi afuo no mfinimfini de akye ɔkorɔmfoɔ no. Wɔde abaduaba no sii hɔ no, wɔsan kɔɔ fie. Anadwo no, sɛdeɛ na ɔyɛ no daa no, Ananse sɔre firii n’adaka no mu kɔɔ afuo no mu sɛ ɔrekɔfa aduane no bi abɛdi. Ɔhunuu abaduaba no na ɔdwen sɛ ɔkorɔmfoɔ bi na waba afuo no mu, enti ɔkasaa abofuo so kyerɛɛ no. Wannya mmuaeɛ biara no, ne bo fuu kɛse maa ɔtenee ne nsa bɔɔ abaduaba no asom. Ɔde n’ahoɔden nyinaa twee ne nsa, nanso wantumi antwe. Ɔde ne nan, ne ti, ne n’afuru bobɔɔ abaduaba no maa nehonamdua no nyinaa taree abaduaba no ho.

Ntikuma ne ne nuanom bɛhuu sɛ abaduaba no akye wɔn papa no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Aniwuo dwaree Kwaku Ananse firi ne ti so kɔsii ne nan ase. Wɔtee no firii abaduaba no ho kyerɛɛ no sɛ ɔnni wɔn akyi nkɔ fie.

Wɔduruu fie no, na aniwuo no so ma Ananse, enti ɔforo kɔɔ soro de n’anim kɔsiee padeɛ mu. Yei nti na da biara wobɛhu Ananse na waka padeɛ mu no.


Text view